Native Bible

1 Kings 18:46 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, Awurade maa Elia ahoɔden sononko bi. Ɔkekaa nʼatadeɛ hyɛɛ nʼabɔsoɔ mu, na ɔdii Ahab teaseɛnam no ɛkan ara kɔsii Yesreel ɛkwan ano.

1 Kings 18:46 in English

1 Kings 18:46 · Berean Standard Bible

And the hand of the LORD came upon Elijah, and he tucked his cloak into his belt * and ran ahead of Ahab all the way to Jezreel.

Context

44Ne mprɛnson so no, ne ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Mehunuu omununkum bi a ɛte sɛ onipa abasa a, apue afiri ɛpo no so reforo.” Ɛhɔ ara na Elia teaam sɛ, “Ntɛm! Kɔ Ahab nkyɛn kɔka kyerɛ no. ‘Foro wo teaseɛnam no, na sane kɔ efie. Sɛ woanka wo ho a, osuo no bɛsi wo ɛkwan.’ ” 45Ankyɛre biara na osuo munaa tumm. Osuframa bɔeɛ, na osu kɛseɛ tɔeɛ, na ntɛm so, Ahab kɔɔ Yesreel. 46Afei, Awurade maa Elia ahoɔden sononko bi. Ɔkekaa nʼatadeɛ hyɛɛ nʼabɔsoɔ mu, na ɔdii Ahab teaseɛnam no ɛkan ara kɔsii Yesreel ɛkwan ano.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.