Native Bible

1 Kings 18:37 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ao, Awurade, tie me! Tie me na saa nnipa yi nyinaa nhunu sɛ, Ao, Awurade, woyɛ Onyankopɔn a woatwe wɔn asane aba wo nkyɛn.”

1 Kings 18:37 in English

1 Kings 18:37 · Berean Standard Bible

Answer me, O LORD! Answer me, so that this people will know that You, the LORD, are God, and that You have turned their hearts back again.”

Context

35maa nsuo no tene faa afɔrebukyia no ho, maa mpo, ɛbu faa amena no so. 36Ɛduruu ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔbɔ anwummerɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ wɔn amanneɛ kyerɛ no, odiyifoɔ Elia kɔɔ afɔrebukyia no so, bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn, kyerɛ ɛnnɛ sɛ woyɛ Onyankopɔn wɔ Israel, na meyɛ wo ɔsomfoɔ. Kyerɛ sɛ, deɛ mereyɛ yi nyinaa firi wo. 37Ao, Awurade, tie me! Tie me na saa nnipa yi nyinaa nhunu sɛ, Ao, Awurade, woyɛ Onyankopɔn a woatwe wɔn asane aba wo nkyɛn.” 38Nʼano siiɛ pɛ, na ogya a ɛfiri Awurade nkyɛn te firii soro bɛhyee nantwinini ba no, nnyensin no, aboɔ no ne mfuturo no. Mpo, ɛwee amena no mu nsuo no nyinaa. 39Nnipa no hunuiɛ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam, teateaam sɛ, “Awurade yɛ Onyankopɔn! Awurade yɛ Onyankopɔn!”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.