1 Ahemfo 18:33
1 Kings 18:33 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔde nnyensin guu afɔrebukyia no so, twitwaa nantwinini no asinasini guu so. Afei, ɔkaa sɛ, “Monhyɛ pɔre akɛseɛ no nsuo ma ma, na monhwie ngu afɔrebɔdeɛ no ne nnyensin no so.” Wɔyɛɛ deɛ ɔkaeɛ no wieeɛ no,
1 Kings 18:33 in English
1 Kings 18:33 · Berean Standard Bible
Next, he arranged the wood, cut up the bull, placed it on the wood,
Context
31Elia faa aboɔ dumienu a baako biara gyina hɔ ma Israel abusuakuo baako, 32na ɔde aboɔ no sane sii Awurade afɔrebukyia no. Na ɔtwaa amena a ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn mmiɛnsa faa afɔrebukyia no ho hyiaeɛ. 33Ɔde nnyensin guu afɔrebukyia no so, twitwaa nantwinini no asinasini guu so. Afei, ɔkaa sɛ, “Monhyɛ pɔre akɛseɛ no nsuo ma ma, na monhwie ngu afɔrebɔdeɛ no ne nnyensin no so.”
Wɔyɛɛ deɛ ɔkaeɛ no wieeɛ no, 34ɔkaa sɛ, “Monyɛ saa ara bio!”
Na wɔyɛɛ saa wieeɛ no, ɔkaa sɛ, “Monyɛ saa ne mprɛnsa so.” Wɔyɛɛ sɛdeɛ ɔkaeɛ no, 35maa nsuo no tene faa afɔrebukyia no ho, maa mpo, ɛbu faa amena no so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.