1 Ahemfo 18:14
1 Kings 18:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na afei, woka kyerɛ me sɛ menkɔ me wura nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ, ‘Elia wɔ ha!’ Ɔbɛkum me!”
1 Kings 18:14 in English
1 Kings 18:14 · Berean Standard Bible
And now you say, ‘Go tell your lord that Elijah is here!’ He will kill me!”
Context
12Mennim baabi a sɛ megya wo hɔ kɔ a, Awurade honhom bɛpagya wo akɔsi. Sɛ mekɔka kyerɛ Ahab, na wanhunu wo a, ɔbɛkum me. Nanso, me, wo ɔsomfoɔ, masom Awurade firi me mmɔfraase. 13Me wura, wontee deɛ meyɛɛ ɛberɛ a na Isebel rekunkum Awurade adiyifoɔ no anaa? Mede Awurade adiyifoɔ no ɔha siee abodan mmienu mu a, na wɔn mu aduonum wɔ ɔbodan baako biara mu. Memaa wɔn aduane ne nsuo nso. 14Na afei, woka kyerɛ me sɛ menkɔ me wura nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ, ‘Elia wɔ ha!’ Ɔbɛkum me!” 15Elia kaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade a mesom no te ase yi, deɛ ɛbɛyɛ biara, mede me ho bɛma Ahab ɛnnɛ.” 16Enti, Obadia kɔhyiaa Ahab, ka kyerɛɛ no, na Ahab kɔhyiaa Elia.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.