1 Ahemfo 16:8
1 Kings 16:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Baasa babarima Ela hyɛɛ aseɛ dii Israel so wɔ Tirsa a saa ɛberɛ no, na ɔhene Asa adi adeɛ wɔ Yuda mfeɛ aduonu nsia. Ɔdii ɔhene wɔ Israel mfeɛ mmienu.
1 Kings 16:8 in English
1 Kings 16:8 · Berean Standard Bible
In the twenty-sixth year of Asa’s reign over Judah, Elah son of Baasha became king of Israel, and he reigned in Tirzah two years.
Context
6Baasa wuiɛ no, wɔsiee no wɔ Tirsa. Na ne babarima Ela dii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 7Na Awurade asɛm nam Hanani babarima odiyifoɔ Yehu so baa Baasa ne ne fiefoɔ so, ɛsiane bɔne dodoɔ a na wayɛ wɔ Awurade ani so no enti. Saa nneyɛeɛ no hyɛɛ Awurade abufuo. Na ɔyɛɛ sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeroboam fie no ara pɛ, ɛfiri sɛ, Baasa nso sɛee Yeroboam fie. 8Baasa babarima Ela hyɛɛ aseɛ dii Israel so wɔ Tirsa a saa ɛberɛ no, na ɔhene Asa adi adeɛ wɔ Yuda mfeɛ aduonu nsia. Ɔdii ɔhene wɔ Israel mfeɛ mmienu. 9Na Simri, a na ɔyɛ safohene wɔ adehyeɛ nteaseɛnam no mu fa so, bɔɔ ne tirim pɔ sɛ ɔbɛkum Ela. Ɛda bi, Ela boroo nsã wɔ Arsa a na ɔyɛ ahemfie sohwɛfoɔ no fie wɔ Tirsa. 10Simri kɔɔ hɔ de adeɛ kɔbɔɔ no ma ɔhwee fam wuiɛ. Saa asɛm yi sii ɔhene Asa adedie wɔ Yuda no afe a ɛtɔ so aduonu nson mu. Enti, Simri bɛyɛɛ ɔhene a ɔdi so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.