1 Ahemfo 16:29
1 Kings 16:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Omri ba Ahab hyɛɛ aseɛ dii Israel so ɔhene ɛberɛ a na ɔhene Asa adi adeɛ Yuda mfeɛ aduasa nwɔtwe mu. Ɔdii adeɛ Samaria mfeɛ aduonu mmienu.
1 Kings 16:29 in English
1 Kings 16:29 · Berean Standard Bible
In the thirty-eighth year of Asa’s reign over Judah, Ahab son of Omri became king of Israel, and he reigned in Samaria twenty-two years.
Context
27Omri adedie ho nsɛm nkaeɛ no ne deɛ ne tumi ano kɔsi ne ne dwuma a ɔdiiɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 28Omri wuiɛ no, wɔsiee no Samaria. Na ne babarima Ahab na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 29Omri ba Ahab hyɛɛ aseɛ dii Israel so ɔhene ɛberɛ a na ɔhene Asa adi adeɛ Yuda mfeɛ aduasa nwɔtwe mu. Ɔdii adeɛ Samaria mfeɛ aduonu mmienu. 30Nanso Omri ba Ahab yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Mpo, na ne bɔne no so sene ahemfo a wɔdi nʼanim no nyinaa mu biara deɛ. 31Na ɔyɛɛ deɛ Yeroboam yɛɛ wɔ bɔneyɛ mu no bi. Wamma no anso hɔ ara. Ɔwaree Isebel a na ɔyɛ Sidonfoɔhene Etbaal babaa, na ɔhyɛɛ aseɛ somm Baal, sɔree no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.