Native Bible

1 Kings 16:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Awurade asɛm baa Hanani babarima Yehu so tiaa Baasa sɛ,

1 Kings 16:1 in English

1 Kings 16:1 · Berean Standard Bible

Then the word of the LORD came to Jehu son of Hanani against Baasha, saying:

Context

1Na Awurade asɛm baa Hanani babarima Yehu so tiaa Baasa sɛ, 2“Mepagyaa wo firii mfuturo mu, de wo tuaa me nkurɔfoɔ Israel ano. Nanso, wofaa Yeroboam kwan bɔne no so, maa me nkurɔfoɔ Israel yɛɛ bɔne, maa wɔn bɔne a wɔyɛeɛ no hyɛɛ me abufuo. 3Enti, merebɛsɛe Baasa ne ne fie, na mɛyɛ wo fie te sɛ Nebat babarima Yeroboam deɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.