1 Ahemfo 14:4
1 Kings 14:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Yeroboam yere no kɔɔ Ahiya fie wɔ Silo. Saa ɛberɛ no na wabɔ akɔkoraa a ɔnhunu adeɛ.
1 Kings 14:4 in English
1 Kings 14:4 · Berean Standard Bible
Jeroboam’s wife did as instructed; she arose and went to Shiloh and arrived at Ahijah’s house. Now Ahijah could not see, for his eyes were dim because of his age.
Context
2Enti, Yeroboam ka kyerɛɛ ne yere sɛ, “Sesa wo ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara renhunu wo sɛ wone ɔhemmaa no. Na kɔ odiyifoɔ Ahiya, ɔbarima a ɔka kyerɛɛ me sɛ mɛdi ɔhene no, nkyɛn wɔ Silo. 3Fa burodo mua edu, ɔfam ne ɛwoɔ akɔtoa kɔkyɛ no, na bisa no deɛ ɛbɛba abarimaa no so.” 4Na Yeroboam yere no kɔɔ Ahiya fie wɔ Silo. Saa ɛberɛ no na wabɔ akɔkoraa a ɔnhunu adeɛ. 5Nanso, na Awurade aka akyerɛ Ahiya sɛ, “Yeroboam yere bɛba ha, na ɔbɛhyɛ da ayɛ ne ho sɛ obi foforɔ. Ɔbɛbisa wo ne babarima no ho asɛm, ɛfiri sɛ, ɔyare dendeenden. Sɛ ɛba saa a, fa mmuaeɛ a mede bɛma wo no ma no.” 6Na Ahiya tee ne nan ase wɔ ɛpono ano no, ɔfrɛɛ sɛ, “Yeroboam yere, bra mu! Adɛn enti na woahyɛ da ayɛ wo ho sɛ obi foforɔ?” Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Mewɔ asɛmmɔne ka kyerɛ wo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.