Native Bible

1 Kings 11:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yoab ne akodɔm no tenaa hɔ abosome nsia kunkumm wɔn.

1 Kings 11:16 in English

1 Kings 11:16 · Berean Standard Bible

Joab and all Israel had stayed there six months, until he had killed every male in Edom.

Context

14Na Awurade pagyaa Edomni Hadad a na ɔfiri Edom adehyebusua mu, sɛ ɔnyɛ ɔtamfoɔ ntia Salomo. 15Mfeɛ bi a atwam no, Dawid ne Yoab a na ɔyɛ nʼakodɔm sahene no kɔɔ Edom kɔsiee Israelfoɔ bi a wɔtotɔɔ akono no. Ɛberɛ a wɔwɔ hɔ no, anka Israel akodɔm no reyɛ akunkum mmarima a wɔwɔ Edom nyinaa. 16Yoab ne akodɔm no tenaa hɔ abosome nsia kunkumm wɔn. 17Nanso, Hadad ne nʼagya adehyeɛ ntuanofoɔ no mu kakra dwaneeɛ. (Saa ɛberɛ no na Hadad yɛ abɔfra ketewa bi.) 18Wɔdwane firii Midian kɔɔ Paran. Paran hɔ na ebinom kɔkaa wɔn ho. Afei, wɔkɔɔ Misraim, Farao nkyɛn, na ɔmaa wɔn baabi a wɔbɛtena, aduane ne asase.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.