Native Bible

1 Kings 10:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na ahennwa no wɔ atwedeɛ ntiasoɔ nsia na nʼakyi yɛ kurukuruwa. Ahennwa no wɔ nsa wɔ benkum ne nifa, na wɔayɛ agyata sɛso mmienu asisi hɔ.

1 Kings 10:19 in English

1 Kings 10:19 · Berean Standard Bible

The throne had six steps, and its back had a rounded top. There were armrests on both sides of the seat, with a lion standing beside each armrest.

Context

17Ɔsane yɛɛ sikakɔkɔɔ akokyɛm nketewa ahasa a wɔde hamre boroeɛ a na sikakɔkɔɔ a wɔde yɛɛ emu biara no mu duru bɛyɛ kilogram mmiɛnsa ne fa. Ɔhene no kɔkoraa saa akokyɛm yi wɔ Lebanon Kwaeɛ Ahemfie mu. 18Na ɔhene no de asonse yɛɛ ahennwa kɛseɛ bi, na ɔde sikakɔkɔɔ amapa huraa ho. 19Na ahennwa no wɔ atwedeɛ ntiasoɔ nsia na nʼakyi yɛ kurukuruwa. Ahennwa no wɔ nsa wɔ benkum ne nifa, na wɔayɛ agyata sɛso mmienu asisi hɔ. 20Salomo sane yɛɛ agyata sɛso dumienu a ɔbaako biara gyina atwedeɛ ntiasoɔ nsia no mu biara benkum ne nifa. Ahennwa biara nni ewiase a wɔbɛtumi de atoto Salomo deɛ no ho. 21Ɔhene Salomo nkuruwa nyinaa, sikakɔkɔɔ amapa na wɔde yɛeɛ. Saa ara na nneɛma ahodoɔ a ɛwɔ Lebanon Kwaeɛ Ahemfie mu no nso teɛ. Wɔamfa dwetɛ anyɛ, ɛfiri sɛ, Salomo berɛ so no, na wɔbu dwetɛ ade teta bi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.