1 Ahemfo 1:2
1 Kings 1:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, nʼafotufoɔ ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛbɛpɛ ɔbaabunu bi ama wo a ɔbɛtena wo ho ahwɛ wo. Ɔbɛda wo kokom, na ama wo ho ayɛ wo hye.”
1 Kings 1:2 in English
1 Kings 1:2 · Berean Standard Bible
So his servants said to him, “Let us search for a young virgin for our lord the king, to attend to him and care for him and lie by his side to keep him warm.”
Context
1Afei, na ɔhene Dawid anyini yie, na sɛ wɔde nnasoɔ ahe ara kuru ne ho koraa a, ɛnka ne ho hye koraa. 2Enti, nʼafotufoɔ ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛbɛpɛ ɔbaabunu bi ama wo a ɔbɛtena wo ho ahwɛ wo. Ɔbɛda wo kokom, na ama wo ho ayɛ wo hye.” 3Enti, wɔkyinii ɔman no mu nyinaa, hwehwɛɛ ɔbaa hoɔfɛfoɔ bi. Wɔkɔnyaa Abisag a ɔfiri Sunam, na wɔde no brɛɛ ɔhene no. 4Na ɔyɛ abaayewa hoɔfɛfoɔ, na ɔno na ɔbɛhwɛɛ ɔhene. Nanso, na ɔhene no ne no nni nna mu ayɔnkofa biara.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.