1 Yohane 5:4
1 John 5:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ɛfiri sɛ, Onyankopɔn ba biara di ewiase so nkonim. Yɛnam yɛn gyidie so di ewiase so nkonim.
1 John 5:4 in English
1 John 5:4 · Berean Standard Bible
because everyone born of God overcomes the world. And this is the victory that has overcome the world: our faith.
Context
2Yei na ɛma yɛhunu sɛ yɛdɔ Onyankopɔn mma; sɛ yɛbɛdɔ Onyankopɔn na yɛadi nʼahyɛdeɛ so. 3Ɔdɔ a yɛdɔ Onyankopɔn no kyerɛ di a yɛdi nʼahyɛdeɛ so. Na nʼahyɛdeɛ no nso sodie nyɛ den mma yɛn, 4ɛfiri sɛ, Onyankopɔn ba biara di ewiase so nkonim. Yɛnam yɛn gyidie so di ewiase so nkonim. 5Hwan na ɔbɛtumi adi ewiase so nkonim? Obi a ɔgye di sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba no nko ara. 6Yesu Kristo yɛ obi a ɔnam nsuo ne mogya so baeɛ. Ɛnyɛ nsuo nko so na ɔnam baeɛ na mmom, nsuo ne mogya. Na ɛyɛ Honhom no na ɛdi ho adanseɛ ɛfiri sɛ, Honhom no ne nokorɛ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.