1 Yohane 3:15
1 John 3:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Obi a ɔtan ne nua no yɛ owudifoɔ na monim nso sɛ owudifoɔ nni nkwa a ɛnni awieeɛ wɔ ne mu.
1 John 3:15 in English
1 John 3:15 · Berean Standard Bible
Everyone who hates his brother is a murderer, and you know that eternal life does not reside in a murderer.
Context
13Enti, anuanom, sɛ ewiasefoɔ tane mo a, mommma ɛnyɛ mo nwanwa. 14Yɛnim sɛ yɛafiri owuo mu aba nkwa mu. Yɛnim saa, ɛfiri sɛ, yɛdɔ yɛn nuanom. 15Obi a ɔtan ne nua no yɛ owudifoɔ na monim nso sɛ owudifoɔ nni nkwa a ɛnni awieeɛ wɔ ne mu. 16Yei na ɛma yɛhunu sɛdeɛ ɔdɔ teɛ. Kristo de ne nkwa maa yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛde yɛn nkwa ma yɛn nuanom. 17Sɛ obi yɛ ɔdefoɔ na ɔhunu sɛ biribi ho hia ne nua na wanhunu no mmɔbɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi aka sɛ ɔdɔ Onyankopɔn wɔ nʼakoma mu?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.