Native Bible

1 John 2:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Me mma, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ, ɛsiane Kristo din enti, wɔde mo bɔne akyɛ mo.

1 John 2:12 in English

1 John 2:12 · Berean Standard Bible

I am writing to you, little children, because your sins have been forgiven through His name.

Context

10Obiara a ɔdɔ ne nua no te hann mu, enti biribiara nni ne mu a ɛbɛma obi foforɔ ayɛ bɔne. 11Nanso, obiara a ɔtane ne nua no te sum mu. Ɔnam mu a ɔnnim faako a ɔrekɔ, ɛfiri sɛ, esum no afira nʼani. 12Me mma, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ, ɛsiane Kristo din enti, wɔde mo bɔne akyɛ mo. 13Agyanom, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ, monim deɛ ɔte ase firi ahyɛaseɛ no. Mmabunu, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ, moadi ɔbonsam so. 14Mma, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ, monim Agya no. Agyanom, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ, monim deɛ ɔte ase firi ahyɛaseɛ no. Mmabunu, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ, mowɔ ahoɔden, na Onyankopɔn asɛm no te mo mu, na moadi ɔbonsam so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.