1 Yohane 1:4
1 John 1:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yɛretwerɛ yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn anigyeɛ bɛwie pɛyɛ.
1 John 1:4 in English
1 John 1:4 · Berean Standard Bible
We write these things so that our * joy may be complete.
Context
2Nkwa no daa ne ho adi no, yɛhunuiɛ. Ɛno enti, yɛka ho asɛm kyerɛ mo, ɛne nkwa a ɛnni awieeɛ a na ɛwɔ Agya no nkyɛn na wɔdaa no adi kyerɛɛ yɛn no. 3Yɛkaa deɛ yɛhunuiɛ na yɛteeɛ no kyerɛɛ mo nso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mo ne yɛn bɛnya ayɔnkofa wɔ ɔdɔ a yɛne Agya no ne Ɔba Yesu Kristo wɔ no mu. 4Yɛretwerɛ yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn anigyeɛ bɛwie pɛyɛ. 5Afei, yei ne asɛm a yɛate afiri ne Ba no nkyɛn a yɛrebɔ mo amaneɛ. Onyankopɔn yɛ hann a esum nni ne mu koraa. 6Na sɛ afei yɛka sɛ yɛne no wɔ ayɔnkofa na saa ɛberɛ korɔ no ara mu yɛte sum mu a, na yɛredi atorɔ wɔ yɛn nsɛm ne yɛn nneyɛeɛ mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.