1 Korintofoɔ 8:9
1 Corinthians 8:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Monhwɛ yie na moamma mo ahofadie no antwetwe wɔn a wɔyɛ mmerɛ wɔ gyidie mu no ankɔ bɔne mu.
1 Corinthians 8:9 in English
1 Corinthians 8:9 · Berean Standard Bible
Be careful, however, that your freedom does not become a stumbling block to the weak.
Context
7Nanso, ɛnyɛ obiara na ɔnim saa nokwasɛm yi. Nnipa bi de wɔn ho ama ahoni no ara kɔsi sɛ, sɛ wɔdi saa nnuane no a, wɔnim pefee sɛ ohoni aduane na wɔredi. Esiane wɔn ahonim a ɛyɛ mmerɛ enti, wɔgye di nso sɛ aduane no gu wɔn ho fi. 8Ɛnyɛ aduane a yɛdie no na ɛtwe yɛn bɛn Onyankopɔn. Sɛ yɛanni saa aduane no a, yɛntɔ sin, ɛnna sɛ yɛdi nso a, yɛn mmoro so. 9Monhwɛ yie na moamma mo ahofadie no antwetwe wɔn a wɔyɛ mmerɛ wɔ gyidie mu no ankɔ bɔne mu. 10Sɛ ɛba sɛ obi a nʼahonim yɛ mmerɛ wɔ saa asɛm yi mu hunu sɛ wo a wowɔ “nimdeɛ” redidi wɔ ohoni dan mu a, ɛrenhyɛ no nkuran mma ɔno nso nkɔdi aduane a wɔde ama ahoni no bi anaa? 11Enti, saa onipa a ɔyɛ mmerɛ yi a ɔyɛ wo nua a Kristo wu maa no yi, ɛsiane wo “nimdeɛ” enti ɔbɛyera!
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.