1 Korintofoɔ 7:34
1 Corinthians 7:34 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
enti wɔtwe no afanu no nyinaa. Ɔbaa a ɔnwareeɛ anaa ɔbaabunu de ne ho ma Awurade adwuma wɔ honam ne honhom fam; nanso ɔbaa a wawareɛ no de ne ho to ewiase nneɛma so, ɛfiri sɛ, ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne kunu ani.
1 Corinthians 7:34 in English
1 Corinthians 7:34 · Berean Standard Bible
and his interests are divided. The unmarried woman or virgin is concerned about the work of the Lord, how she can be holy in both body and spirit. But the married woman is concerned about the affairs of this world, how she can please her husband.
Context
32Mempɛ sɛ biribiara ha mo. Ɔbarima a ɔnwareeɛ no, ɛsɛ sɛ ɔde ne ho ma Awurade adwumayɛ; ɛfiri sɛ, ɔbɔ mmɔden sɛ Awurade ani bɛsɔ no; 33nanso ɔbarima warefoɔ de ne ho to ewiase nneɛma so, ɛfiri sɛ, ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne yere ani, 34enti wɔtwe no afanu no nyinaa. Ɔbaa a ɔnwareeɛ anaa ɔbaabunu de ne ho ma Awurade adwuma wɔ honam ne honhom fam; nanso ɔbaa a wawareɛ no de ne ho to ewiase nneɛma so, ɛfiri sɛ, ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne kunu ani. 35Mereka saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, mepɛ sɛ meboa mo. Merenhyehyɛ mmara bi mma mo. Na mmom, mepɛ sɛ moyɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene na mode mo ho nyinaa ma Awurade adwuma. 36Ɔbarima ne ɔbaa a wɔahyehyɛ awadeɛ na afei wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔrenware bio no, sɛ ɔbarima no hunu sɛ ɔnyɛ nʼasɛdeɛ mma ɔbaa no nanso sɛ ɔntumi nhyɛ nʼakɔnnɔ so enti no ɔpɛ sɛ ɔware a, ɛsɛ sɛ ɔware sɛdeɛ ɔhwehwɛ no. Bɔne biara nni yei ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.