1 Korintofoɔ 7:24
1 Corinthians 7:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Anuanom, ɛsɛ sɛ mo mu biara tena ase wɔ Onyankopɔn mu sɛdeɛ na mote ansa na wɔrefrɛ mo no.
1 Corinthians 7:24 in English
1 Corinthians 7:24 · Berean Standard Bible
Brothers, each one should remain in the situation he was in when God called him.
Context
22Ɛfiri sɛ, akoa a Awurade afrɛ no no yɛ Awurade onipa a ɔde ne ho. Saa ara nso na obi a ɔde ne ho a Kristo afrɛ no no yɛ Kristo akoa. 23Onyankopɔn tɔɔ mo aboɔden, ɛno enti, monnyɛ nkoa mma nnipa. 24Anuanom, ɛsɛ sɛ mo mu biara tena ase wɔ Onyankopɔn mu sɛdeɛ na mote ansa na wɔrefrɛ mo no. 25Deɛ ɛfa asigyafoɔ nso ho no nie: Mennyaa ɔhyɛ nsɛm biara memfirii Awurade nkyɛn, nanso meka mʼadwene te sɛ obi a Onyankopɔn mmɔborɔhunu enti wɔagye me ato mu. 26Wodwene seesei ɔhaw yi ho a, medwene sɛ, ɛyɛ sɛ onipa tena ase sɛdeɛ ɔte biara.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.