1 Korintofoɔ 7:11
1 Corinthians 7:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ ɛba saa a, ɛnsɛ sɛ ɔware bio; anaasɛ nso wɔka ɔne ne kunu bo mu. Saa ara na ɛnsɛ sɛ okunu nso gyaa ne yere.
1 Corinthians 7:11 in English
1 Corinthians 7:11 · Berean Standard Bible
But if she does, she must remain unmarried or else be reconciled to her husband. And a husband must not divorce his wife.
Context
9Na sɛ morentumi nhyɛ mo ho so nso a monkɔwareware. Ɛyɛ sɛ mobɛware sene sɛ mobɛhyɛ mo ho ahometeɛ. 10Mo awarefoɔ nso, mewɔ ɔhyɛ nsɛm bi a ɛmfiri me na ɛfiri Awurade nkyɛn sɛ: Ɛnsɛ sɛ ɔbaa gyaa ne kunu. 11Sɛ ɛba saa a, ɛnsɛ sɛ ɔware bio; anaasɛ nso wɔka ɔne ne kunu bo mu. Saa ara na ɛnsɛ sɛ okunu nso gyaa ne yere. 12Mo a moaka no, meka mekyerɛ mo, ɛfiri mankasa, na ɛmfiri Awurade, sɛ Okristoni barima wɔ yere a ɔnyɛ Okristoni na ɔbaa no pene so sɛ ɔne no bɛtena ase a, ɛnsɛ sɛ ɔbarima no gyaa no. 13Saa ara nso na sɛ Okristoni baa wɔ okunu a ɔnyɛ Okristoni na ɔbarima no pene so sɛ ɔne no bɛtena a, ɛnsɛ sɛ ɔbaa no gyaa no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.