Native Bible

1 Corinthians 4:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛbɛsi saa ɛberɛ yi mu ɛkɔm ne sukɔm de yɛn. Yɛfira ntomago; wɔhwe yɛn; yɛdi atutena;

1 Corinthians 4:11 in English

1 Corinthians 4:11 · Berean Standard Bible

To this very hour we are hungry and thirsty, we are poorly clothed, we are brutally treated, we are homeless.

Context

9Ɛyɛ me sɛ yɛn asomafoɔ yi deɛ, Onyankopɔn de yɛn atwa toɔ sɛ nnipa bi a wɔabu wɔn kumfɔ wɔ badwa mu sɛ nnipa ne ewiase abɔfoɔ nyinaa nhwɛ. 10Kristo enti, yɛyɛ nkwaseafoɔ, nanso moyɛ anyansafoɔ wɔ Kristo mu. Yɛyɛ mmerɛ, nanso moyɛ den. Wɔmmu yɛn, nanso wɔbu mo. 11Ɛbɛsi saa ɛberɛ yi mu ɛkɔm ne sukɔm de yɛn. Yɛfira ntomago; wɔhwe yɛn; yɛdi atutena; 12yɛyɛ adwuma a ɛyɛ den de hwɛ yɛn ho. Wɔdome yɛn a, yɛhyira; wɔhwe yɛn a yɛgyina ano. 13Wɔya yɛn a, yɛde kasa pa bua. Yɛte sɛ ewiase yi mu wira bi a yɛnka hwee de bɛsi ɛnnɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.