1 Korintofoɔ 15:30
1 Corinthians 15:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na adɛn na dɔnhwereɛ biara yɛde yɛn ho to amaneɛ mu?
1 Corinthians 15:30 in English
1 Corinthians 15:30 · Berean Standard Bible
And why do we endanger ourselves every hour?
Context
28Na sɛ wɔde nneɛma nyinaa hyɛ Kristo tumi ase a, ɔno ankasa a ɔyɛ Ɔba no de ne ho bɛhyɛ Onyankopɔn a ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ ne Ba no tumi ase no, ase; na Onyankopɔn adi biribiara so. 29Sɛ owusɔreɛ nni hɔ a, anka wɔn a wɔbɔ awufoɔ din bɔ asu no bɛyɛ dɛn? Wɔn adwene ne sɛn? Sɛ ɛyɛ nokorɛ sɛ deɛ wɔka sɛ, wɔnnyane awufoɔ mma nkwa mu a, adɛn enti na wɔbɔ awufoɔ din bɔ wɔn asu? 30Na adɛn na dɔnhwereɛ biara yɛde yɛn ho to amaneɛ mu? 31Anuanom, dɔnhwereɛ biara mehyia owuo. Esiane Yesu enti, ahohoahoa a mewɔ wɔ mo mu, na ɛma me ka yei. 32Modwene sɛ mfasoɔ bɛn na menyaa wɔ ɔko a me ne “nkekaboa” koo wɔ Efeso no? Na sɛ awufoɔ nsɔre mma nkwa mu a, ɛnneɛ
“Momma yɛnnidi na yɛnnom,
ɛfiri sɛ, ɔkyena yɛbɛwu” sɛdeɛ wɔka no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.