1 Korintofoɔ 13:6
1 Corinthians 13:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ɔdɔ mpɛ bɔne, na mmom, ɔpɛ nokorɛ.
1 Corinthians 13:6 in English
1 Corinthians 13:6 · Berean Standard Bible
Love takes no pleasure in evil, but rejoices in the truth.
Context
4Ɔdɔ wɔ boasetɔ na ne tirim yɛ mmerɛ; ɔdɔ nyɛ ahoɔyea anaa ɛnkyerɛ ne ho anaa ɔnni ahomasoɔ su; 5ɔdɔ mmu ɔbra bɔne; ɔnyɛ pɛsɛmenkomenya; ne bo nha no; ɔmfa bɔne nhyɛ ne mu; 6ɔdɔ mpɛ bɔne, na mmom, ɔpɛ nokorɛ. 7Ɔdɔ mpa aba; ne gyidie, nʼanidasoɔ ne ne boasetɔ nni hwammɔ. 8Ɔdɔ wɔ hɔ daa. Nkɔmhyɛ wɔ hɔ nanso, ɛnte hɔ daa; akyɛdeɛ a ɛma wɔka kasa foforɔ wɔ hɔ, nanso ɛwɔ nʼawieeɛ; osuahunu wɔ hɔ, nanso ɛbɛtwam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.