Native Bible

1 Corinthians 11:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ mohyia sɛ kuo a, momma sɛ morebɛdi Awurade Adidi no.

1 Corinthians 11:20 in English

1 Corinthians 11:20 · Berean Standard Bible

Now then, when you come together, it is not the Lord’s Supper you eat.

Context

18Deɛ ɛdi ɛkan no, mate sɛ mo ne mo ho mo ho di asie wɔ mo nhyiamu mu na megye di sɛ nokorɛ kakra wɔ mu. 19Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ mo mu kyekyɛ sɛdeɛ nokorɛ bɛda adi. 20Sɛ mohyia sɛ kuo a, momma sɛ morebɛdi Awurade Adidi no. 21Na mogu so redidi no, obiara di nʼaduane wɔ ɛberɛ a ɛkɔm de ebinom na afoforɔ nso aboboro nsã. 22Mo ara monni afie a modidi nom wɔ mu? Anaasɛ mopɛ sɛ mogu Onyankopɔn asafo no ne wɔn a adeɛ ahia wɔn no anim ase? Ɛdeɛn na mohwehwɛ sɛ meka fa saa asɛm yi ho kyerɛ mo? Menkamfo mo anaa? Ɛsɛ sɛ mohunu sɛ ɛnsɛ sɛ mekamfo mo!

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.