1 Berɛsosɛm 7:30
1 Chronicles 7:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Aser mmammarima yɛ: Yimna, Yiswa, Yiswi ne Beria. Na wɔwɔ nuabaa a ne din de Sera.
1 Chronicles 7:30 in English
1 Chronicles 7:30 · Berean Standard Bible
The children of Asher: Imnah, Ishvah, Ishvi, Beriah, and their sister Serah.
Context
28Efraim asefoɔ no tenaa asase Bet-El ne ne nkurotoɔ a atwa afa anafoɔ fam, Naaran a ɛda apueeɛ fam, Geser ne ne nkuraaseɛ a ɛda atɔeɛ fam ne Sekem ne ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia, kɔfa atifi fam, de kɔsi Aya a nkuraaseɛ ka ho no so. 29Manase hyeɛ so no, na nkuro a ɛdeda hɔ yɛ Bet-Sean, Taanak, Megido, Dor ne wɔn nkuraase a atwa ho ahyia no. Israel ba Yosef asefoɔ tenaa saa nkuro yi so. 30Na Aser mmammarima yɛ:
Yimna, Yiswa, Yiswi ne Beria. Na wɔwɔ nuabaa a ne din de Sera. 31Na Beria mmammarima din de:
Heber ne Malkiel a ɔwoo Birsait no. 32Na Heber mmammarima din de Yaflet, Somer ne Hotam. Na wɔwɔ nuabaa a ne din de Sua.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.