1 Berɛsosɛm 22:5
1 Chronicles 22:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Dawid kaa sɛ, “Me babarima Salomo nnyiniiɛ, na ɔnni osuahunu bi, nanso ɛsɛ sɛ Awurade asɔredan yi yɛ kɛseɛ, gye edin na ɛyɛ animuonyamhyɛdeɛ wɔ ewiase afanan nyinaa. Enti, mɛfiri aseɛ ayɛ ahoboa ama ne sie ɛnnɛ yi ara.” Enti, Dawid pɛɛ adansie ho nneɛma bebree guu hɔ ansa na ɔrewu.
1 Chronicles 22:5 in English
1 Chronicles 22:5 · Berean Standard Bible
And David said, “My son Solomon is young and inexperienced, and the house to be built for the LORD must be exceedingly magnificent—famous and glorious throughout all lands. Therefore I must make preparations for it.” So David made lavish preparations before his death.
Context
3Dawid maa nnadeɛ pii a wɔde bɛyɛ nnadewa a ɛho bɛhia ama apono ne mfɛwa. Ɔmaa kɔbere mfrafraeɛ nso bebree a na wɔntumi nkari mpo. 4Ɔmaa ntweneduro nnua pii nso, ɛfiri sɛ na mmarima a wɔfiri Tiro ne Sidon de bebree abrɛ Dawid dada. 5Dawid kaa sɛ, “Me babarima Salomo nnyiniiɛ, na ɔnni osuahunu bi, nanso ɛsɛ sɛ Awurade asɔredan yi yɛ kɛseɛ, gye edin na ɛyɛ animuonyamhyɛdeɛ wɔ ewiase afanan nyinaa. Enti, mɛfiri aseɛ ayɛ ahoboa ama ne sie ɛnnɛ yi ara.” Enti, Dawid pɛɛ adansie ho nneɛma bebree guu hɔ ansa na ɔrewu. 6Afei, Dawid soma kɔfaa ne babarima Salomo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnsi asɔredan mma Awurade, Israel Onyankopɔn. 7Dawid ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ba, na anka mepɛ sɛ mesi asɔredan de hyɛ Awurade, me Onyankopɔn, din animuonyam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.