Native Bible

1 Chronicles 13:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, Dawid ne Israelfoɔ no nyinaa kɔɔ Baala a na wɔfrɛ no Kiriat-Yearim a ɛwɔ Yuda no sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn Apam Adaka a wɔde ahyɛ Kerubim ntam na Awurade din da so no aba.

1 Chronicles 13:6 in English

1 Chronicles 13:6 · Berean Standard Bible

David and all Israel went up to Baalah of Judah (that is, Kiriath-jearim) to bring up from there the ark of God the LORD, who is enthroned between the cherubim—the ark that is called by the Name.*

Context

4Badwa no penee saa asɛm yi so ɛfiri sɛ, wɔhunuu sɛ, wɔyɛ saa a, ɛyɛ. 5Enti, Dawid frɛɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa, ɛfiri ɔman no tire kɔsi tire, sɛ wɔmmɛka ne ho na wɔmfa Onyankopɔn Apam Adaka no mfiri Kiriat-Yearim mmra. 6Afei, Dawid ne Israelfoɔ no nyinaa kɔɔ Baala a na wɔfrɛ no Kiriat-Yearim a ɛwɔ Yuda no sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn Apam Adaka a wɔde ahyɛ Kerubim ntam na Awurade din da so no aba. 7Wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no sii teaseɛnam foforɔ so de firii Abinadab fie a Usa ne Ahio rekyerɛ ɛkwan. 8Dawid ne Israelfoɔ nyinaa firii wɔn ahoɔden mu too nnwom, bɔɔ mmɛn ahodoɔ a ebi yɛ asankuo, mmɛnta, mpintin, nnawuro ne ntotorobɛnto dii ahurisie wɔ Onyankopɔn anim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.