1 Berɛsosɛm 12:38
1 Chronicles 12:38 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Saa asraafoɔ yi nyinaa kɔɔ amia mu na wɔkɔɔ Hebron a wɔn botaeɛ ara ne sɛ wɔde Dawid bɛyɛ Israelhene. Nokorɛm, Israel nyinaa adwene kɔɔ bɛnkorɔ mu sɛ, ɛsɛ sɛ Dawid na ɔyɛ wɔn ɔhene.
1 Chronicles 12:38 in English
1 Chronicles 12:38 · Berean Standard Bible
All these men of war, arrayed for battle, came to Hebron fully determined to make David king over all Israel. And all the rest of the Israelites were of one mind to make David king.
Context
36Akofoɔ akɛseɛ a wɔatete wɔn yie a wɔfiri Aser abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduanan (40,000) a wɔn nyinaa ayɛ krado ama ɔko. 37Ruben, Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa a na wɔtete Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no maa asraadɔm mpem ɔha ne aduonu (120,000) a wɔwɔ akodeɛ ahodoɔ nyinaa. 38Saa asraafoɔ yi nyinaa kɔɔ amia mu na wɔkɔɔ Hebron a wɔn botaeɛ ara ne sɛ wɔde Dawid bɛyɛ Israelhene.
Nokorɛm, Israel nyinaa adwene kɔɔ bɛnkorɔ mu sɛ, ɛsɛ sɛ Dawid na ɔyɛ wɔn ɔhene. 39Wɔne Dawid didiiɛ, nomeeɛ nnansa, ɛfiri sɛ, na wɔn abusuafoɔ no ayɛ ahoboa rehwɛ wɔn ɛkwan. 40Nnipa bi a wɔfiri akyiri te sɛ Isakar, Sebulon, ne Naftali de nnuane tenaa wɔn mfunumu, nyoma ne anantwie so baeɛ. Wɔde asikyiresiam, ɔfam, ɛhyɛ, nsã, ngo, anantwie ne nnwan bebree baa afahyɛ no ase. Anigyeɛ a ɛnni kabea baa Israel asase so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.