1 Berɛsosɛm 12:34
1 Chronicles 12:34 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn a wɔfiri Naftali abusuakuo mu no yɛ asraafoɔ mpanimfoɔ apem (1,000) ne akofoɔ akɛseɛ mpem aduasa nson (37,000) a wɔkurakura nkataboɔ ne mpea.
1 Chronicles 12:34 in English
1 Chronicles 12:34 · Berean Standard Bible
From Naphtali: 1,000 commanders, accompanied by 37,000 men with shield and spear.
Context
32Ntuanofoɔ a wɔfiri Isakar abusuakuo mu ne wɔn abusuafoɔ dodoɔ yɛ ahanu. Na saa mmarima yi nyinaa te nsɛm a ɛrekɔ so saa ɛberɛ no ase, na wɔnim ɛkwan pa a ɛyɛ ma Israel nso. 33Akofoɔ a wɔakwadare akodie mu a wɔfiri Sebulon abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduonum (50,000). Na wɔakɔ amia mu ayɛ krado ama akodie, na na wɔtaa Dawid akyi pintinn. 34Wɔn a wɔfiri Naftali abusuakuo mu no yɛ asraafoɔ mpanimfoɔ apem (1,000) ne akofoɔ akɛseɛ mpem aduasa nson (37,000) a wɔkurakura nkataboɔ ne mpea. 35Akofoɔ a wɔfiri Dan abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduonu nwɔtwe ne ahansia (28,600) a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. 36Akofoɔ akɛseɛ a wɔatete wɔn yie a wɔfiri Aser abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduanan (40,000) a wɔn nyinaa ayɛ krado ama ɔko.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.