Native Bible

1 Chronicles 12:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Akofoɔ akɛseɛ a wɔfiri Benyamin abusuakuo mu a wɔyɛ Saulo abusuafoɔ no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem mmiɛnsa (3,000). Na Benyaminfoɔ no mu fa kɛseɛ no taa Saulo akyi ara.

1 Chronicles 12:29 in English

1 Chronicles 12:29 · Berean Standard Bible

From Benjamin, the kinsmen of Saul: 3,000, most of whom had remained loyal to the house of Saul up to that time.

Context

27Na Yehoiada a ɔtua Aaron abusua no ano no wɔ akodɔm mpem mmiɛnsa ne ahanson (3,700) a wɔhyɛ nʼase. 28Saa ara nso na na Sadok, ɔbabunu ɔkofoɔ kɛseɛ ne nʼabusuafoɔ aduonu mmienu a wɔn nyinaa yɛ asraafoɔ mpanimfoɔ ka ho. 29Akofoɔ akɛseɛ a wɔfiri Benyamin abusuakuo mu a wɔyɛ Saulo abusuafoɔ no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem mmiɛnsa (3,000). Na Benyaminfoɔ no mu fa kɛseɛ no taa Saulo akyi ara. 30Akofoɔ akɛseɛ a wɔfiri Efraim abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduonu ne aha nwɔtwe (20,800) a wɔn mu biara agye edin wɔ nʼabusua mu. 31Manase abusuakuo fa a na ɛwɔ Yordan atɔeɛ fam no nso, wɔtuu mmarima mpem dunwɔtwe (18,000) a wɔn botaeɛ ara ne sɛ wɔbɛboaa Dawid ma wadi ɔhene.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.