1 Berɛsosɛm 11:25
1 Chronicles 11:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔhyɛɛ no animuonyam sene nkaeɛ a wɔka Aduasa no ho no, nanso na ɔmfra Baasa no mu. Na Dawid yɛɛ no ne ho awɛmfoɔ no so sahene.
1 Chronicles 11:25 in English
1 Chronicles 11:25 · Berean Standard Bible
He was most honored among the Thirty, but he did not become one of the Three. And David appointed him over his guard.
Context
23Ɛda bi a na ɔkura aporibaa nko ara no, ɔkumm Misraimni ɔkofoɔ bi a na ne tenten yɛ anammɔn nson ne fa. Na ne pea no mu pipiripie te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua. Benaia hwam pea no firii Misraimni no nsam, de kumm no. 24Yeinom ne mmaninsɛm a ɛmaa Yehoiada babarima Benaia gyee edin te sɛ Baasa no. 25Wɔhyɛɛ no animuonyam sene nkaeɛ a wɔka Aduasa no ho no, nanso na ɔmfra Baasa no mu. Na Dawid yɛɛ no ne ho awɛmfoɔ no so sahene. 26Nnipa a na wɔka Dawid nnɔmmarima no ho nie:
Yoab nuabarima Asahel;
Dodo babarima Elhanan a ɔfiri Betlehem; 27Samot a ɔfiri Harori;
Heles a ɔfiri Pelon;
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.